Matthew 13

Okuafo ho bɛ

1Da no ara, Yesu fii adi kɔtenaa mpoano. 2Nnipakuw kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa ɔkorow bi mu a na nnipakuw no nso gyinagyina mpoano hɔ. 3Ofitii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. 4Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu ma nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa. 5Ebi nso koguu abotan so. Ankyɛ na aba no fifii. 6Esiane sɛ na dɔte a ɛwɔ abotan no so no sua no nti, owia bɔɔ so no ne nyinaa hyewee. 7Aba no bi nso guu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no ma ewui. 8Nanso aba no bi guu asase pa mu. Enyinii, sow aba mmɔho aduasa; ebi aduosia, ɛnna afoforo nso, ɔha. 9Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”

Nea enti a Yesu kasa abebu mu

10Owiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn na daa wonam abebu so kasa kyerɛ nnipa no?”

11Yesu buaa wɔn se, “Mo de, wɔde ɔsoro ahenni no ho ahintasɛm ama mo; na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.

12“Nea ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu no so. Na nea onni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam. 13Nea enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abebu mu no ne sɛ, ‘Wohu, nanso wonhu. Wɔte, na wɔnte ase.’

14“Eyi maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se, ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase; ohu de mubehu, nanso morenhu. 15Efisɛ, ɔman yi koma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade, na wɔn koma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho, asan aba me nkyɛn, na masa wɔn yare no baa mu.’ 16Na mo de, wɔahyira mo ani sɛ enhu ade; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm. 17Na me de, mereka akyerɛ mo se, adiyifo ne atreneefo pii pɛe sɛ wohu nea muhu no, nanso wɔanhu. Wɔpɛe sɛ wɔte nea mote, nanso wɔante.

Okuafo ho bɛ no asekyerɛ

18“Afei muntie bɛ a ɛfa okuafo a ɔkoguu aba wɔ nʼafum no ho no asekyerɛ. 19Wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte ase no te sɛ aba a eguu kwan mu no. Ɔbɔnefo no ba behwim nea wɔadua wɔ wɔn koma mu no. 20Aba a eguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu. 21Nanso asɛm no ntim wɔ wɔn mu. Eyi nti ɛnkyɛ na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awu nti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa abaw. 22Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dwene nti, ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma. 23Na aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, na wɔte ase. Wɔsow aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforo nso, ɔha.”

Wura ne aburow ho bɛ

24Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, “Ɔsoro ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum. 25Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa wura fraa aburow a wadua no. 26Aburow no renyin no, na wura no nso renyin.

27“Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, wura bi afifi wɔ ase!’ Okuafo no buae se,

28“ ‘Ɔtamfo bi na oduae!’ Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yɛkotutu saa wura no anaa?’

29“Obuaa wɔn se, ‘Dabida!’ Anhwɛ a, na moatutu aburow no bi afra wura no. 30Momma ne nyinaa nnyin nkosi twabere, na mama atwafo ayiyi wura no afi aburow no mu ahyew, na wɔde aburow no nso agu asan so.”

Onyaa aba ho bɛ

31Yesu buu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro ahenni no te sɛ onyaa aba ketewaa bi a obi duae wɔ nʼafum. 32Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ enyin a, ɛyɛ dutan kɛse ma nnomaa kɔsisi nʼabaa so.”

Mmɔkaw ho bɛ

33Obuu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro ahenni no te sɛ abodootofo a ɔde mmɔkaw fra mmɔre na ɔka fra kosi sɛ mmɔkaw no bɛfra mmɔre no nyinaa yiye, na ama atu.”

34Yesu nam abebu so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. 35Esiane sɛ na adiyifo ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abebu so bɛkasa nti, wanka asɛm a wamfa abebu amfra mu. Nkɔm a adiyifo no hyɛe ne sɛ, “Mɛkasa abebu mu, na maka anwonwade mu ahintasɛm a efi adebɔ mfitiase.”

Wura ne aburow ho bɛ no asekyerɛ

36Afei, Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, ɔnkyerɛ wɔn abebu a ɛfa wura ne aburow ho no ase.

37Yesu buaa wɔn se, “Me, Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no. 38Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ahenni no mma; wura no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. 39Ɔtamfo a oduaa wura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no yɛ wiase awiei; atwafo no ne abɔfo.

40“Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu wura no fii aburow no mu kɔhyewee no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei. 41Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi ahenni no mu, 42na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne agyaadwo wɔ. 43Na atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”

Agyapade ho bɛ

44Yesu toaa abebu no so se, “Ɔsoro ahenni no te sɛ agyapade bi a obi kohui wɔ afuw bi mu, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, nyaa sika a ɛbɛso saa afuw no tɔ, na ne nsa aka agyapade no!

Ahene pa ho bɛ

45“Bio, Ɔsoro ahenni no te sɛ obi a odi ahene pa ho gua a ɔrepɛ ahene pa atɔ. 46Ɔkonyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!”

Asaugu ho bɛ

47Yesu toaa so bio se, “Ɔsoro ahenni no te sɛ obi a ɔkoguu asau wɔ asu bi mu yii nsumnam ahorow bebree. 48Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa koko so. Afei, ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu, ɛnna ɔtow nea enye no gui. 49Saa ara na wiase awiei bɛyɛ. Abɔfo no bɛba abɛpaw nnebɔneyɛfo no afi atreneefo no mu, 50na wɔatow nnebɔneyɛfo no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na osu ne agyaadwo wɔ. 51Mote ase?” Nʼasuafo no buaa no se, “Yiw.”

52Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wayi nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.”

Wɔpo Yesu wɔ Nasaret

53Yesu wiee nʼabebu no, ofii nea ɔwɔ hɔ. 54Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn hyiadan mu maa wɔn a wotiee no no ho dwiriw wɔn. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na saa ɔbarima yi konyaa nyansa a ɔde yɛ anwonwade sɛɛ yi?

55“Ɛnyɛ kapentani no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nuammarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56Ɛnyɛ yɛne ne nuammeanom na ɛte ha? Na afei, ɛhe na okonyaa eyinom nyinaa yi?” 57Wɔn bo fuw no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo wɔ anuonyam wɔ baabiara, gye ne man mu anaa ne nkurɔfo mu!” 58Esiane sɛ wɔannye no anni no nti, wanyɛ anwonwade bebree wɔ hɔ!

Copyright information for TwiNAK